Psalms 70

Mmoa mpae

1Gye me nkwa,
O Onyankopɔn!
Awurade, boa me mprempren!
2Ma wonni wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no so na ma wɔn adwene nyɛ basabasa.
Ma wɔn a esiane me haw nti wɔatɔ wɔn no, nsan wɔn akyi na wongu wɔn anim ase.
3Ma wɔn a wodi me ho fɛw no mfa wɔn nkogu so mma wɔn koma ntu.
4Ma wɔn a wɔba wo nkyɛn no ani nnye na wɔn ho nsɛpɛw wɔn.
Ma wɔn a wɔda wo nkwagye no so ase no nka daa se, “Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!”
5Mayɛ mmerɛw na minni ɔboafo; bra me nkyɛn ntɛm,
O Onyankopɔn.
Wone mʼagyenkwa, O Awurade; yɛ ntɛm bɛboa me.
Copyright information for TwiNAK